Psalms 52

Dawid “maskil” dwom. Ɔtoo bere a Edomni Doeg bɛka kyerɛɛ Saulo se, “Dawid akɔ Ahimelek fi” no.


1 Ɔkɛse, adɛn nti na wohoahoa wo ho wɔ wo bɔne ho?
Adɛn nti na wohoahoa wo ho da mu nyinaa,
wo a woyɛ animguasede wɔ Onyankopɔn ani so?

2 Wo tɛkrɛma bɔ ɔsɛe ho pɔw;
ɛte sɛ oyiwan a ano yɛ nam yiye.
Wo a wutwa nkontompo nko ara.

3 Wʼani gye bɔne ho sen papa,
wopɛ atoro sen sɛ wobɛka nokware.

4 Wodɔ asɛm biara a ɛde ɔhaw ba,
wo tɛkrɛma daadaafo!


5 Ampa ara Onyankopɔn de ɔsɛe a enni awiei bɛbrɛ wo;
ɔbɛtwe wo afi wo ntamadan mu na watetew wo mu;
Ɔbɛtɔre wʼase wɔ ateasefo asase so.

6 Atreneefo behu eyi na wɔasuro;
wɔbɛserew no na wɔaka se,

7 “Hwɛ, onipa no ni,
nea wamfa Onyankopɔn anyɛ nʼabandennen
na mmom ɔde ne ho too nʼahonya dodow so,
na onyaa ahoɔden de sɛee afoforo no!”


8 Nanso mete sɛ ngodua a
ɛrenyin wɔ Onyankopɔn fi:
mede me ho to Onyankopɔn dɔ a ɛnsa da no so
daa nyinaa.

Meyi wo ayɛ daa wɔ nea woayɛ nti;
wo din so na mʼani bɛda, efisɛ eye.
Meyi wo ayɛ wɔ wʼahotefo anim.

Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔde “mahalat” sanku nne na ɛto.

9
Copyright information for TwiAKNA